Aga Khan Foundation

Aga Khan Foundation
organization, nonprofit organization, Islamic organization
inception1967 Sesa
field of workinternational development Sesa
named afterAga Khan IV Sesa
nea ɔhyehyɛɛ noAga Khan IV Sesa
adwumayɛbea tiGeneva Sesa
wɔn wɛbsaethttp://www.akdn.org/AKF Sesa

Aga Khan Foundation (AKF) yɛ ankorankoro, amanaman ntam nkɔso adwumayɛbea a ɛnyɛ nea wɔhwehwɛ mfaso,[1] a Shah Karim Al Hussaini, Aga Khan IV, Shia Ismaili Nkramofo Agyapade Imam a ɔto so 49 na ɔde sii hɔ wɔ afe 1967[2] mu .[3]AKF hwehwɛ sɛ ɛde bere tenten ano aduru bɛma wɔ ɔhaw ahorow a ɛfa ohia, ɔkɔm, akenkan ne akyerɛw a wonnim ne akwahosan pa a wonni ho wɔ Asia Kesee Fam ne Mfinimfini mmeae a wodi hia sen biara, Afrika Apuei ne Atɔe Fam, ne Mfinimfini Apuei. Wɔ saa mpɔtam yi mu no, wɔde adwene si nkuraasefoɔ ahiadeɛ so titire wɔ mmepɔ, mpoano ne mmeaeɛ a ahodeɛ nnim.

Fapem no dwumadi taa hyɛ anuanom mmea nnwumakuw afoforo a wɔwɔ Aga Khan Development Network (AKDN) mu no adwuma mu den. Bere a wɔde ahyɛde ahorow a ɛfa wɔn nimdeɛ ho (nneɛma a atwa yɛn ho ahyia, amammerɛ, sikasɛm nketewa, akwahosan, nhomasua, adansi, nkuraase nkɔso) na ɛkyerɛ saa nnwumakuw yi kwan no, wɔtaa yɛ wɔn dwumadi ahorow no ne wɔn ho wɔn ho bom sɛnea ɛbɛyɛ a "wɔbɛma" nkɛntɛnso no nyinaa "dɔɔso sɛ Network no wɔ wɔ beaeɛ anaa mpɔtam biara. AKF nso ne mpɔtam hɔ, ɔman ne amanaman ntam ahokafoɔ yɛ adwuma bom sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɛbɛma asetena mu nkɔsoɔ a ɛbɛtena hɔ daa aba aman 14 a ɛde nhyehyɛeɛ di dwuma wɔ mu no mu. Fapem no adwumayɛbea ti wɔ Geneva, Switzerland.[4]

  1. Anderson, S. E. (2002-01-01). Improving Schools Through Teacher Development: Case Studies of the Aga Khan Foundation Projects in East Africa. CRC Press. ISBN 9789026519369.
  2. Anheier, Helmut K.; Toepler, Stefan (2009-11-24). International Encyclopedia of Civil Society. Springer Science & Business Media. ISBN 9780387939964.
  3. Cherry, Stephen M.; Ebaugh, Helen Rose (2016-04-22). Global Religious Movements Across Borders: Sacred Service. Routledge. ISBN 9781317127338.
  4. Ebrahim, Alnoor (2005-05-12). NGOs and Organizational Change: Discourse, Reporting, and Learning. Cambridge University Press. p. 147. ISBN 9780521671576.

From Wikipedia, the free encyclopedia · View on Wikipedia

Developed by Tubidy